Créditos

AUSFÜHRENDE KÜNSTLER:INNEN
Kojo Antwi
Kojo Antwi
Künstler:in
KOMPOSITION UND LIEDTEXT
Kwadjo Antwi Tano
Kwadjo Antwi Tano
Songwriter:in

Letras

[Verse 1]
Adeɛpɛna aa
M'afrɛ wo w′ahomatorofoɔ no so a thousand times
Nanso ɛnne bi kakyerɛ me sɛ adum
Wowɔ out of coverage area, ama mennhu ade a menyɛ
Adeɛpɛna aa
Anka me ne wo na ɛbɔ nkosua tafere
Nti wo ampara na woayɛ me mu yi
Nti me ampara na woayɛ me sei
Wose wo ne me too nkwanta a, yɛapae
[Verse 2]
Ooh, oh, oh!
Menim sɛ wokaa sɛ mma menfrɛ wo biom
Menim sɛ wokaa sɛ mehunu sɛ woreba koraa a, mentwa mu
Menim sɛ wokaa sɛ mehyia wo sunsum koraa a, menhwɛ na mɛnkyea no
Nanso mayɛ ho biara mentumi o
[Verse 3]
Mepɛ sɛ mete wo ne one more time
Mepɛ sɛ mehunu w'anim ɛbiom
Mepɛ kwan ahua wo ho perfume
Ɛno ne me awerɛkyekyerɛ
Mepɛ sɛ wodɔ me once again
[Verse 4]
Adeɛpɛna oo
Ɛnnora anka truck kɛseɛ bi reyam me koraa
Sɛ na traffic light no asɔ ogya
Nanso wo ho adwendwen nti medwen sɛ na ɛse mentwa mu
Adeɛpɛna oo
Anka mɛtumi ase ɔsram apata wo a
Anka mɛtu akɔ soro te sɛɛ akrɔma, ate kyɛkyɛ nso aka ho
Ama w′akoma atɔ wo yɛm
[Verse 5]
Ooh, oh, oh!
Menim sɛ wo awarne me sɛ menso wo ho daɛ biom uu
Menim sɛ wokaa sɛ mebɛto sɛ obi reku wo koraa mentwa mu
Menim sɛ wokaa sɛ mehyia wo sunsum koraa menhwɛ na maanka hello
Hwɛ deɛ wose ayɛ me
[Verse 6]
Mepɛ sɛ mete wo ne dɛɛdɛ no one more time
Mepɛ sɛ mehunu w'anim fɛfɛɛfɛ no ɛbiom
Mepɛ kwan ahua wo ho perfume
Ɛno na ɛma awerɛkyekyerɛ
Mepɛ sɛ mete wo kasa dɛ no
Mepɛ sɛ mekan w′asene ahweneɛ
Mepɛ sɛ mesɔre anɔpa wɔ wo koko so ɛ
Mepɛ sɛ mesɔ wo nsa kɔ me sɔfo anim ɛ
Mepɛ sɛ-
Mepɛ sɛ wodɔ me once again
[Chorus]
Adeɛpɛna, wo ho ayɛ na
Adeɛpɛna, wo ho ayɛ na
Adeɛpɛna, wo ho ayɛ na
Adeɛpɛna aa
Adeɛpɛna aa
Adeɛpɛna, wo ho ayɛ na
Adeɛpɛna, wo ho ayɛ na
Adeɛpɛna, wo ho ayɛ na
Adeɛpɛna aa
Adeɛpɛna aa
[Outro]
Adeɛpɛna aa
Adeɛpɛna aa
M'adepa bi ayera
M′adeɛ bi ayera
M'adepa bi ayera
Adeɛpɛna aa
Adeɛpɛna aa
Written by: Kwadjo Antwi Tano
instagramSharePathic_arrow_out