Canciones más populares de Daddy Lumba
Canciones similares
Créditos
AUSFÜHRENDE KÜNSTLER:INNEN
Daddy Lumba
Künstler:in
KOMPOSITION UND LIEDTEXT
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter:in
Letras
N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo
Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo

Nyankontɔn nkogyina ee
Merehwɛ deɛ Awurade no a bɛyɛ me
Agya ne ɔbaatanpa no, ɔno na odi onni bi asɛm
Kotokurudu si ne dan a, obiaa nkɔ nsuo ma no
Nso aboa yi a fete no nnɛteɛ, kakra nkakra na w'asi oo
Wiase abrabɔ a yɛɛbɔ yi a, menua na ɛnyɛ mmirika tu oo
Ɛna y'akɔ ka sɛ, hwɛ deɛ odii kan oo
Nti menua ohianiwaa, wonnya nyɛɛ yie a mensu oo
Firi sɛ abi deɛ ba ntɛm paa, abɛ bi nso bewu a ɛnso oo
Menua fa animia yɛ, ɛhomepa bi wɔ wo brɛ yi akyire
Ɛhyɛn bi bɛ pue wɔ mununkum yi akyire
Nti na mese mennpa aba yi
Maame Ama Esah ee, ogyina Nsutaa na ɔfrɛ oo
Wɔfa Gyamfi se, ɔbɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo
Agyai n'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo
Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo
N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo
Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo
Oh menuanom
Ɛyɛ a mo nsu ma yɛn
Adehyeman mma ɛrebrɛ wɔ nkorɔfoɔ nkuro so ah
Ohia ama Ghana adehyeman mma, y'ate ahwete nkorɔfoɔ nkuro so
Nanso yɛka no sɛn na ayɛ yie, adeɛ yi mu ohia na asoma me
Mede awerɛhoɔ tuu kwan kɔɔ obi manso
Akwantuo mu nsɛm ɔya oo
Nanso ɔbaakofoɔ akɔ hunu, ɛyɛ a na ɔdansefoɔ wɔ hene oo?
Medeɛ mɛto medeɛ yi mpo afɛnyinam, Kwadwo na madwen abusuafoɔ yi
Firi sɛ menim sɛdeɛ me nkorɔfoɔ teɛ oo ɛne wɔn asetena mu
Ebia me maame nni bi oo, agyee asuofoni ba yi
Ebia na Abena Adomah bua ada oo
Ebia na menua mmaa yi ho kyere wɔn
Faustina Ofosu ee, Afia Abrempomaa ne Gifty oo
Ebia me ba yi mpo nnini yɛ oo, Kwaku Oppong ee K
Ebia ne me ba di ɛkɔm koraa ada oo ah
Nanso sɛ ɔko no yɛ den aa, ɛyɛ mo ma yɛn ko
Yɛ betumi ako na yɛdi nkunim, mese mmre pa wɔ y'anim oo
M'adamfo agya Yaw a, wofiri Asante Gyamase
Agya ee menngyae ɔko yi ara da, mese nom nsuo fa twɛn ɔpɛ oo
Agyai n'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo
Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo
N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo
Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo
N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo
Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo
N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ oo
Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo
N'ankwanoma, mɛnom nsuo atwɛn ɔpɛ
Mogya redi aforosane yi, mede animia mɛyɛ oo
Owura Sarkodie, ɔse ɔbɛ nom nsuo na w'atwɛn ɔpɛ oo
Kofi ee, mogya redi aforosane yi, ɔde animia bɛyɛ oo
N'ankwanoma
Written by: Charles Kwadwo Fosu