Top Songs By Evg Diana Asamoah
Similar Songs
Credits
AUSFÜHRENDE KÜNSTLER:INNEN
Evangelist Diana Asamoah
Künstler:in
KOMPOSITION UND LIEDTEXT
Evangelist Diana Asamoah
Songwriter:in
Lyrics
Ahoteɛ anamɔn a megu so retutu ei
Me deɛ m'ani kyerɛ Kronkronbea hɔ
Ɛno nti na mapaw me ho akyi a
Mapo wiase anigyeɛ ne ɔbra bɔne yi, yie
Agya, m'akoma so adeserɛdeɛ ara ne sɛ
Anka Wobɛtwerɛ me din aka ahenniemma no ho
Sɛ ankyɛ na sɛ Wo pue W'animuonyam mu a
Me ne ahotefoɔ no abɔ mu asoa ahenkyɛw
Ahoteɛ anamɔn a megu so retutu ei, Diana
M'ani kyerɛ kronkronbea hɔ
Ɛno nti na mapaw me ho akyi a
Mapo wiase anigyeɛ ne ɔbra bɔne yi, yie
Agya, m'akoma so adeserɛdeɛ ara ne sɛ
Anka Wobɛtwerɛ me din aka ahenniemma no ho
Sɛ anyɛ na sɛ Wo pue W'animuonyam mu a
Me ne ahotefoɔ no abɔ mu asoa ahenkyɛw
Ei, merepɛ asomdwoe ama me kra o
Merepɛ fahodie ama me kra o
Merepɛ ɔgyeɛ ama me kra o
Merepɛ tenabea pa bi o, me brɛ yi akyi o
Merepɛ asomdwoe ama me kra o, ah
Merepɛ ɔgyeɛ ama me kra o
Merepɛ fahodie ama me kra o
Merepɛ tenabea pa bi o, me brɛ yi akyi o
Yiee, mm, W'asɛm se, "Sɛ wɔdwiri yɛn asaase so ntomadan gu a"
Yɛwɔ fie bi wɔ hɔ a, wamfa onipa nsa na ɛsiiɛ a, ɛbɛtena hɔ daa wɔ soro
W'asɛm se, "Yɛnni kuro a ɛte hɔ daa wo asaase yi so"
Na deɛ ɛreba no akyiri kwan, ɛna yɛrehwehwɛ, oh, yeah, eh
Mese ahoteɛ anamɔn a megu so retutu ei
Me nuanom, m'ani kyerɛ kronkronbea hɔ
Ɛno nti na mapaw me ho akyi a
Mapo wiase anigyeɛ ne ɔbra bɔne yi, yie
M'akoma so adeserɛdeɛ ara ne sɛ
Agya, Wobɛtwerɛ me din aka ahenniemma no ho
Sɛ ankyɛ na sɛ Wo pue W'animuonyam mu a
Me ne ahotefoɔ no abɔ mu asoa ahenkyɛw
Ahoteɛ anamɔn a yɛgu so retutu ei
Wo mma y'ani kyerɛ Kronkronbea hɔ
Ɛno nti na yɛapaw yɛn ho akyi a
Yɛapo wiase anigyeɛ ne ɔbra bɔne yi, oh
Y'akoma so adeserɛdeɛ ara ne sɛ
Nka Wobɛtwerɛ yɛn din aka ahenniemma no ho
Sɛ ankyɛ na sɛ Wo pue W'animuonyam mu a
Yɛn ne ahotefoɔ no abɔ mu asoa ahenkyɛw
Yɛrepɛ fahodie ama yɛn kra o, ah
Yɛrepɛ ɔgyeɛ ama yɛn kra o
Yɛrepɛ asomdwoe ama yɛn kra o
Yɛrepɛ tenabea pa bi o, yɛn brɛ yi akyi o
Yɛrepɛ fahodie ama yɛn kra o, ah
Yɛrepɛ ɔgyeɛ ama yɛn kra ei
Yɛrepɛ asomdwoe ama yɛn kra o
Yɛrepɛ tenabea pa bi o, yɛn brɛ yi akyi o
Ee, le-le-le-le-le, la-la-la-la, le-le-le-le-le, la-la-la, ee
W'asɛm se, "Nna a ɛtwa toɔ no, yɛbɛhunu kuro foforɔ, Jerusalem foforɔ"
Oh Jesus, eh, eh-eh-eh-eh
W'asɛm se, "Deɛ woanhunu ne din wɔ Nkwa Nwoma no mu no"
Wɔbɛto no atwene ogya tadeɛ no mu
Awurade boa yɛn! Na yɛntumi nyɛ deɛ ɛsɛ fata
Na Woatumi de yɛn aka aheniemma no ho
Eh, eh-eh
Merepɛ asomdwoe ama me kra o
Merepɛ tenabea pa bi o, me brɛ yi akyi o
Merepɛ asomdwoe ama me kra o, ah
Merepɛ fahodie ama me kra ei
Merepɛ ɔgyeɛ ama me kra o
Merepɛ tenabea pa bi o, me brɛ yi akyi o
Written by: Evangelist Diana Asamoah