Lyrics
Asɛm bɛba dabi mmm
Asɛm bɛba dabi ama
Dea ɔwɔ ɔsom ase ahome
Ama dea ɔhyɛ ne yɔnko so biara
Ɔbɛkɔ nkoasom mu bio
Asɛm bɛba dabi mmm
Asɛm bɛba dabi ama
Dea ɔwɔ ɔsom ase ahome
Ama dea ɔhyɛ ne yɔnko so biara
Ɔbɛkɔ nkoasom mu bio
U-u-u-u-u-u asɛm bɛba dabi o
U-u-u-u-u-u asɛm bɛba dabi o
Aboa akokɔ ntwiwaa eh
Atɛfrɛ wɔ hɔ yi saa onim asa o
Nanso wo ara, wo ara na woamma no ansa bedwa mu o
Ɔse ɔresa ama dɔm ahwɛ a
Woabubu n'ataban mu o
Aboa akokɔ ntwiwaa eh
Atɛfrɛ wɔ hɔ yi saa onim asa o
Nanso wo ara, wo ara na woamma no ansa bedwa mu o
Ɔse ɔresa ama dɔm ahwɛ a
Woabubu n'ataban mu o
U-u-u-u-u-u asɛm bɛba dabi o
U-u-u-u-u-u asɛm bɛba dabi o
Aba biara wopɛsɛ wo guo biara
Ɛso aba ara na wobetwa
Ɔdasani numdɛfoɔ eh mm
Akokɔ remene atɛfrɛ saa no
Sɛɛ ne ho ayɛ onipa akonor
Ama ɔde no abɔ dua mu
Asɛm bɛba dabi mmm
Asɛm bɛba dabi ama
Dea ɔwɔ ɔsom ase ahome
Ama dea ɔhyɛ ne yɔnko so biara
Ɔbɛkɔ nkoasom mu bio
Woreboɔ nsa a whɛ wo nsa
Na nea begu so aba no na obetwa
Apɔnkye de nsafo a eh
Wose wo sɛ obidan wo
Wo nween na ɛretutuo no
U-u-u-u-u-u asɛm bɛba dabi o
U-u-u-u-u-u asɛm bɛba dabi o
U-u-u-u-u-u asɛm bɛba dabi o
U-u-u-u-u-u asɛm bɛba dabi o
U-u-u-u-u-u asɛm bɛba dabi o
U-u-u-u-u-u asɛm bɛba dabi o
Written by: Samuel Owusu