Credits

AUSFÜHRENDE KÜNSTLER:INNEN
Kojo Antwi
Kojo Antwi
Leadgesang
KOMPOSITION UND LIEDTEXT
Kojo Antwi
Kojo Antwi
Songwriter:in

Lyrics

[Verse 1]
Mete sɛ ɔsɛnkani bi ɛka sɛ
Deɛ yareɛ ne asu edware no
Deɛ ɔhaw ne ohiaa taataa no
Ɔnfa neho mma Jesus
Mɛkyinkyin akyinkyin manante mabrɛ
Mekuruwaa ayɛ ma mekɔn mu bu
Mede madesoa aba wasɛnnua no ase oo
Adomwura ee suɛ me oo
[Chorus]
Popa m'anisuo ma me ee
Po-pa m'anisuo ma me ee
Popa m'anisuo ma me agya ee
Wo ne onni bi adamfo
[Verse 2]
Ma me deɛ wo maa David no bi
Na Goliath mpempem atwa meho ahyia
Nkunimdie agya e ma nkunimdie
Ma no nyɛ me dea oo
Mma amansan hunu sɛ woasra me ngo
Ma me deɛ wo maa Solomon no bi
Nyansa ne adwene a ɛboro so
Na sɛ wokasa kyerɛ mea mɛyɛ aso pa de ate wone oo
Adomwura ee maba oo
[Verse 3]
Paapa ee maba oo hyira me ee
Agya ee maba oo sane ee
Paapa ee maba oo hyira me hyira me ee
Wo ne onni bi adamfo
[Chorus]
Popa m'anisuo ma me ee
Po-pa m'anisuo ma me ee
Popa m'anisuo ma me agya ee
Wo ne onni bi adamfo
[Verse 4]
Oguanhwɛfo pa wodi n'akyi a wɔbɛto wo pono wɔ wo atamfo anim
Kɔtwiamansan wodi n'akyi a wotasi ɛnam kum kwa
Bonsam kyere woto gyata bɔn mu mpoa
Fa nkotodwe ne mpaebɔ kɔ n'anim
Sufrɛ no wɔ gyidie mu na ɔbɛ gye woso
Bibia bibiara nso no yɛ
Fɛtɛnfrɛ adom Nyame ee
Fɛtɛnfrɛ adom Nyame oo
Fɛtɛnfrɛ adom Nyame Jesus
Ɔno na obutu ne mma so
[Outro]
Fɛtɛnfrɛ adom Nyame ee
Wo na wobutu wo mma so
Bibia bibiara nso no yɛ
Wo ne onni bi adamfo
Fɛtɛnfrɛ adom Nyame ee
Wo na wobutu wo mma so
Bibia bibiara nso no yɛ
Wo ne onni bi adamfo
Written by: Kojo Antwi
instagramSharePathic_arrow_out