Lyrics

Anuanom hwɛ, tete no
Nea mɛdi ne nea mɛhyɛ bi ho nti
Abrabɔ yi mu animguaseɛ a m'agye
Sɛ mehwɛ dea Awurade ayɛ me nnɛ yi a
Sɛ me ka a nka wongye nni da
Kane no bebia a na meti paa
Ɛnkrɔfoɔ nkyɛn tena ateetee
Nkotodwe a mebuɔ ne mu anisuo a mate
Sɛ meedi m'abrabɔ yi mu adanseɛ akyerɛ wo a
Meka a anka wongye nni o
Bebiaa m'abeduru yi yɛ Awurade adom o
Kane no edin a na wode nim me no wɔnfrɛ me saa biom
Ɔsoro Nyankopɔn asesa me din o
W'ayɛ me yie o
Bebia m'abeduru yi ɛtɔ daa ɛyɛ wɔn sɛ ɛnyɛ me a mpo
Ahokyerɛ nti m'ataade a ɛhyɛ me nyinaa
Na mede ataade foforɔ biaa atetɛmu
W'adom me ahyɛ me ataade foforɔ bi
W'ayɛ me yie oo
Sɛnka ɛnyɛ Awurade a
Ɔsɔ me nsa na okyerɛ me kwan a
Me a m'abusua mu nyɛ yi
Awurade ayɛ me yie oo
Sɛnka ɛnyɛ Awurade a
Ɔsɔ yɛnsa na ohyira yɛn a
Yɛn a y'abusua mu nyɛ yi
Awurade ayɛ yɛn yie oo
W'ayɛ me yie oo
W'ayɛ me yie oo
Nti ahia wo a enwu aate
Ɔbɛyɛ wo yie oo
W'ayɛ me yie oo
W'ayɛ me yie oo
Nti ahia wo a enwu aate
Na, ɔbɛyɛ wo yie oo
Ɛmmera a na asorɔkye bubomu
Ɛhum retu
Mede nkotodwe me tiemu
Fri m'ahuhia mu sɛ adom wura boa me oo
Boa me
Mpremprem Nyankopɔn ei, wo ba me wɔ w'anim oo
Mehia wo mmoa oo
Ei abera a na ohia buburo agu m'anim ase no
Medi mpaebɔ den me tiemu denden
Ayɛbeda Nyame ei se mefrɛ wo a ɛyaa bra oo
Braa oo braa oo braa oo braa oo braa oo braa oo braa oo mehia wo mmoa oo
And God of Enoch
He heard my desperate cry
He lifted me, oh he lifted me
And he set me free
Sɛnka ɛnyɛ Awurade aa
Ɔsɔ me nsa na ɔkyerɛ me kwan a
Kyerɛ me kwan a
Me a m'abusua mu nyɛ yi
Nka mɛyɛ dɛn oo
Awurade ayɛ me yie oo
Sɛnka ɛnyɛ Awurade a
Sɛnka ɛnyɛ Awurade a
Hunu me mɔbɔ
Ɔsɔ yɛnsa na ohyira yen a
Na ɔkyerɛ me kwan pa
Yɛn a y'abusua mu nyɛ yi
Awurade ayɛ yɛn yie oo
Nti ɛtɔ da hwɛ ahwehwɛ mu na ka sɛ
W'ayɛ me yie oo
Nti me ampaa
W'ayɛ me yie oo
Nti ahia wo a enwu aate
Ɔbɛyɛ wo yie oo
W'ayɛ me yie oo
W'ayɛ me yie oo
W'ayɛ me yie oo
Nti ahia wo a enwu aate
Na, ɔbɛyɛ wo yie oo
Sɛnka ɛnyɛ Awurade a
Ɔsɔ mensa na ɔkyerɛ me kwan a
Me a m'abusua mu nyɛ yi
Awurade ayɛ me yie oo
Sɛnka ɛnyɛ Awurade a
Ɔsɔ yensa na ohyira yɛn a
Yɛn a y'abusua mu nyɛ yi
Awurade ayɛ yen yie oo
Written by: Esther Asiedu
instagramSharePathic_arrow_out