Similar Songs
Credits
AUSFÜHRENDE KÜNSTLER:INNEN
Symphonic Music
Orchester
Alfred Wiafe
Leiter:in Musik
OWUSU PEPRAH KOFI
Künstler:in
KOMPOSITION UND LIEDTEXT
OWUSU PEPRAH KOFI
Songwriter:in
Alfred Wiafe
Arrangeur:in
PRODUKTION UND TECHNIK
Alfred Wiafe
Produzent:in
Lyrics
Awurade na ɔma,
Nea w'abrɛ tumi
Na nea onni home no,
ɔma n'ahoɔden dɔɔso
Mmranteɛ mpo berɛ o,
Na wɔmo pa aba daa
Nkwakwaa hwe hwe,
Ase san wɔn akyi
Nanso wɔn a wɔtwɛn, Awurade anim
Onya ahoɔden foforo
Ɔde ntaban foro sɛ, anomaa ɔkɔdea a,
Otu mmirika, na wɔmpa aba da,
Ɔnante a ɔmerɛ
Awurade ama m'ayɛ, n'adebɔ mu ɔdehyeɛ
W'ahyɛ me tenenee katabo
Ɔde nepa ahyɛ m'afono mu ma
W'ama makoma ahyɛ ma oo
Hwɛ sɛ matanfo ani awu
Nti mmerɛ a metease yi,
Wo nwunu ase (8xs) a na metena
Na m'ato me dɔfo ho dwom sɛ
Wo nwuma yɛ kɛse,
Wo nwuma yɛ nwanwa
Onipa ba biara ntumi ntease
Metwere Zion botan,
Nti medeɛ mennsuro dɔm
Efiri sɛ nea ɔte me mu no
Ɔso sene nea ɔwo wiase
Enti Awurade ka me ho yi
Medeɛ me nsuro anadwo bumbɔ
Ɛne bemma a etu awia ketee
Esane yadeɛ a ɛsɛe adeɛ
Efiri sɛ w'ama me kra adwane,
Efiri ofidisumfoɔ afidie mu
Ɛne afidie no abubu,
Afidie no adwiri,
Na me deɛ m'ade meho
Nti berɛ a mete ase yi deɛ,
Me dwane kɔbea ne wo Awurade
Mekogyefo ne Yehowa,
A ɔntonko na ɔnna
Enti aseda bɛn, mpo na ɛbɛsɔ w'ani
Agya na medeɛ mento nnwom bɛn, na ɛbɛyɛ w'aso mu dɛ
Agya mede meho nyinaa, bɛbɔ afɔdeɛ ama wo a
Ɔkɛseɛ meyɛ wodea, na meyɛ w'adidibea dwan
Se meyi sika nso a, sika ne dwetɛ nyinaa firi wo hɔ a
Nti m'asɛm nyinaa nie
Agya, wodin na aseda nka
Agya, wodin na aseda nka
Ɔdomfo, wodin na ayeyie nka
Katakyie, wodin na nhyira nka
Dasabreɛ, wodin na ntontom nka
Dwantoa hene, wodin na aseda nka
Daseberɛ, wodin na anidie sɛ
Calvary nkunimdifoɔ, w'ayeyie rensa da
Enti medea mebɔ wo din daa
Mebɔ Awurade ne din,
Mema ne so akyerɛ,
Amansan nyinaa
Efiri sɛ ɔye Owura,
N'akyi ne n'anim,
Obi ntesɛ ɔno, ɔye tete Nyame
Agya m'akoma so asɛm paa,
Na mede ayɛ nnwom a meretoɔ yi
Sɛ wɔn a wɔtwɛn wo no,
W'anim rengu ase da
Writer(s): Alfred Wiafe, Kofi Owusu Peprah
Lyrics powered by www.musixmatch.com