Credits

AUSFÜHRENDE KÜNSTLER:INNEN
Daddy Lumba
Daddy Lumba
Künstler:in
KOMPOSITION UND LIEDTEXT
Charles Kwadwo Fosu
Charles Kwadwo Fosu
Songwriter:in

Lyrics

Makae na ɔdɔ ama mensono mu aa o, ee ɔdɔ
Nti makoma ho toffee wɔ hene? Me bronii ee ɔdɔ oo
Yɛ no ntɛm bra o obronii otommorosie ahoɔfɛ
Ɔdɔ ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ
Makae na ɔdɔ ama mensono mu aa o, ee ɔdɔ
Nti makoma ho toffee wɔ hene? Me bronii ee ɔdɔ oo
Yɛ no ntɛm bra o obronii menkoaa m'ahoma teaa
Ɔdɔ ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ
Na nkaawa ee, mmɔborɔwa, daeɛ kɔso a na opitiri oo
Mete m'ani a me na meda nkonkonso yi, ee ɔdɔ
Me a nka medɔ yɛ kra kɔhwɛ
Me ne ɔdɔ deɛ mframa mfa yɛn mu oo
Afei deɛ me bronii wɔ hene ni a? Ee ɔdɔ
Magya mebronii hɔ atukwan sɛ mebɛ pɛ biribi akɔ fie
Na yɛ de akɔhwɛ yɛn asetena mu ee ɔdɔ
Nso mebɛ duru akwantuo mu yi ɛna mɛtumi ehunu sɛ
Sɛɛ ɔdɔ ho hia sen sika oo, ee ɔdɔ
Eduru anɔpa a, nkɔmmɔ nkɔmmɔ ee ɔde bɛbɔ me nkɔmmɔ
Nti makoma ho toffee wɔ hene? Ee ɔdɔ oo
Eduru awia berɛ a nsukɔm de me oo, ɔdɔ ee mehia wonsam nsuo
Nti makoma ho toffee wɔ hene? Ee ɔdɔ
Eduru annwumerɛ so a na awɔ de me oo, Serwaa bɛ yi me awɔ yi mu ao
Nti makoma ho toffee wɔ hene? Ee ɔdɔ
Nti dabɛn koraa na mɛhunu ɔdɔ, menkoaa mebronii bɛfe mano ao
Yɛyɛ ɔdɔ a na obi nyɛɛ bi da ei, ee ɔdɔ
Yɛ no ntɛm bra o obronii otommorosie ahoɔfɛ
Ɔdɔ ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ
Oh ɔdɔ ho asɛm
Wose wo ka a, adeɛ bɛkye menua
Makae na ɔdɔ ama mensono mu aa o, ee ɔdɔ
Nti makoma ho toffee wɔ hene? Yie me bronii ee ɔdɔ oo
Yɛ no ntɛm bra o obronii menkoaa m'ahoma teaa
Ɔdɔ ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ
Sɛ meka ɔdɔ ho asɛm a, na meka de ma Nana Fosu a ɔte Kumasi Abrepo
Ɔne ne dɔfo bi yɛ frɛ Veronica Abebrese
Ɔno nso te Bohyɛn, ɔdɔ nkoaa
Madwen ɔdɔ ho ayɛ ateaa
Menyaa obi ɔde nkra kɔ ma ɔdɔ sɛ "mama ee, woho nti na mewui" ee ɔdɔ
Mede nkra bɛma abrɔnomaa, abrɔnomaa yɛ Onyame aboa
Ɔno na sɛ ɔde me nkra kɔ ma ɔdɔ a, ee ɔdɔ
Bronii behunu sɛ makoma mu fitaa ee, Charles ee na medɔ noa o
Ɔno ne makoma ho toffee no, agyei ee ɔdɔ
Ɔdɔ sɛ wote nkratoɔ yi a ɛyɛ a bra oo
Wote menka a ma wo ho mpo a
Boo meda hɔ ɔ mewu mahyɛ wo oo ah
Ɛnam ɔdɔ nti oluman bi akum ne ho, ɔdɔ nti aa
Ɛnam ɔdɔ nti boy bi akum ne ho, mese ɔdɔ nti aa
Ɛnam ɔdɔ nti girl bi abɔ ne ho tuo, ɔdɔ nti aa
Ɛnam ɔdɔ nti old lady bi akum ne ho, mese ɔdɔ nti aa
Mɛmfa medɔ nni agorɔ
Na medɔ yɛ dangerous paa
Charles ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ
Makae na ɔdɔ ama mensono mu aa o, ee ɔdɔ
Nti makoma ho toffee wɔ hene? Me bronii ee ɔdɔ oo
Yɛ no ntɛm bra o obronii otommorosie ahoɔfɛ
Ɔdɔ ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ
Makae na ɔdɔ ama mensono mu aa o, ee ɔdɔ
Nti makoma ho toffee wɔ hene? Yie me bronii ee ɔdɔ oo
Yɛ no ntɛm bra o obronii menkoaa m'ahoma teaa
Ɔdɔ ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ
Makae na ɔdɔ ama mensono mu aa o, ee ɔdɔ
Nti makoma ho toffee wɔ hene? Me bronii ee ɔdɔ oo
Yɛ no ntɛm bra o obronii otommorosie ahoɔfɛ
Bronii ee sɛ wamma ntɛm a, woho adwendwen bɛyɛ me adambɔ
Written by: Charles Kwadwo Fosu
instagramSharePathic_arrow_out