Top Songs By Nana Kwame Ampadu
Credits
AUSFÜHRENDE KÜNSTLER:INNEN
Nana Kwame Ampadu
Künstler:in
KOMPOSITION UND LIEDTEXT
Nana Kwame Ampadu
Songwriter:in
Lyrics
Ghanaexpo.com
Lots of music and movies
This song is dedicated to the people of Aba
Enyimba City
For their love for Ghana music
Enyimba N'Aba o (yie ei!)
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Odwan ba na ɔse
"Yɛtɔɔ me maame, na me deɛ, yɛantɔ me"
Deɛ onipa dasani nso a
Wo deɛ yɛ a, na ɛrewe nsa a
Ɔdasani ne wo, ɔdasani ne wo
Onyame ahyɛda abɔ wo aba wiase yim'
Ɔse bɛhwɛ ɛmu nneɛma nyinaa so
Enti Wama wo adwene
Adwen a yɛde dwene
Adam Nana ne wo, bɔne ahyɛ wo ma
Na ebi nso ahyɛ me ma
Enti wo yɔnko asɛm ba a
Susu gu aseɛ nkyene, na susu num o
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, yɛde bɛyɛ wo da bi, wae?
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Woyɛ ɔdasani
Sɛ wowɔ hɔ
Na sɛ ebi a, wo yɔnko bi bɛka obi ho asɛm kyerɛ wo a
Susu ma no nyɛ wo dɛ
Na saa nnipa korɔ no a ɔbɛkaa asɛm no kyerɛɛ wo no
Ɔno mmom na hwɛ no yie paa
Sɛnea wabɛka obi ho asɛm akyerɛ wo nnɛ yi
Ebi a ɔkyena bi, ɛyɛ saa ara
Ɛna wo nso wonni hɔ a, ɔbɛka wo ho asɛm akyerɛ nkorɔfoɔ, wae?
Wohu kɔnkɔnsani a, ɛyɛ a suro no
Na susu ma no nyɛ wo dɛ
Susu ma no nyɛ wo dɛ beberee, mese
Susu ma no nyɛ wo dɛ, wae? Yɛde bɛyɛ wo da bi, wae?
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Woayɛ me ho kɔnkɔnsa ara aah
Ama me mpena agyaa me
Ɛna ɔde wo ahyɛ n'anan
Susu ma no nyɛ wo dɛ, wae?
Sɛ wode kaagyikaagyi, ɛna ɛtotoo w'ani akyi
Ɛmaa me boy yi hunuu woɔ
Ɔgyaa me bɛfaa wo a
Me nso merehyɛ wo bɔ sɛ
Obiara ne neɛ ɛbɛtumi no o
Obi nso bɛhyɛ Guarantee
Wabɛgye no afiri wo nsam
Susu ma no nyɛ wo dɛ, yɛde bɛyɛ wo da bi, wae?
Wo deɛ, wote kuro mu a
Wose nkorɔfoɔ ho nsɛm nko ara na wobɛwe ho
Wo deɛ, keka kɔ
Na da a wo nso wo deɛ bɛba no
Da no na yɛbɛhu o
Sɛdeɛ yɛbɛka no afa
Ɛda a osuo bɛtɔ no, ɛda no na yɛbɛhunu
Deɛ nsusuan bɛtene afa
Susu ma no nyɛ wo dɛ, na yɛde bɛyɛ wo da bi
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Susu ma ɛnyɛ wo dɛ, na wɔde bɛyɛ wo
Written by: Nana Kwame Ampadu