Similar Songs
Credits
AUSFÜHRENDE KÜNSTLER:INNEN
The Ramblers Dance Band
Leadgesang
Lyrics
[Verse 1]
Onua Ama ee due oo
Onua Ama ee due oo
Due ne amanehunu
Wiase mu a yɛ wɔ yi
Wonnim wo abusua saa
Ɛna ewu ama asɛm ato me oo
Asɛm to me a na mɛwie
Abusua ayi me oo
Ɔbaakofoɔ ee due oo mede mensɛm ama Onyame oo
[Verse 2]
Awusea Ama aa gyae su
Awusea Ama aa gyae su oo
Wo su a na nsuo bɛsa
Wiase mu a yɛ wɔ yi
Wonnim wo abusua saa
Ɛna ewu ama asɛm ato me oo
Asɛm to me a na mɛwie
Abusua ayi me oo
Ɔbaakofoɔ ee due oo mede mensɛm ama Onyame oo
[Verse 3]
Wiadze mu a yɛ wɔ yi
Agyanka asɛm yɛ mmɔbɔ sɛ
Ɛkɔm de agyanka a yɛse ɔyare
Ɛnyɛ yare na ɔyareɛ
Na wiase mu a yɛ wɔ yi mpanyinfoɔ bu bɛ bi sɛ
"Ɔbaatan na onim neɛ ne mma bedie"
Eno samanpa ee ɛyɛ a ma me nni oo
[Chorus]
Maame Awo a obi ba man me
Agya agyanka ee yie obi ba man me
Maame Ama a obi ba man me
Agya Agyare ee yie obi ba man me
Maame Ama a obi ba man me
Eddy Soga oo yie obi ba man me
Maame Ama a obi ba man me
Charles Kojo ee yie obi ba man me
Maame Awo a obi ba man me oo
[Verse 4]
Onua Ama ee due oo
Onua Ama ee due oo
Due ne amanehunu
Wiase mu a yɛ wɔ yi
Wonnim wo abusua saa
Ɛna ewu ama asɛm ato me oo
Asɛm to me a na mɛwie
Abusua ayi me oo
Ɔbaakofoɔ ee due oo mede mensɛm ama Onyame oo
[Verse 5]
Wiadze mu a yɛ wɔ yi
Agyanka asɛm yɛ mmɔbɔ sɛ
Ɛkɔm de agyanka a yɛse ɔyare
Ɛnyɛ yare na ɔyareɛ
Na wiase mu a yɛ wɔ yi mpanyinfoɔ bu bɛ bi sɛ
"Ɔbaatan na onim neɛ ne mma bedie"
Eno samanpa ee ɛyɛ a ma me nni oo
[Chorus]
Maame Awo a obi ba man me
Agya agyanka ee yie obi ba man me
Maame Ama a obi ba man me
Owura Frank ee yie obi ba man me
Maame Ama a obi ba man me
Tetteh ee yie obi ba man me
Maame Awo a obi ba man me
Solomon Asare ee yie obi ba man me
Maame Awo a obi ba man me oo
Asɛm yɛ yaw ee obi ba man me
Maame Awo a obi ba man me
Asɛm yɛ yaw ee obi ba man me
Maame Awo a obi ba man me oo
Yie obi ba man me
Maame Awo a obi ba man me oo
Written by: Copyright Control