Similar Songs
Lyrics
Me dɔ hemaa
Me dɔ hemaa, ah
Me dɔ hemaa
Me dɔ hemaa, ah
Sosɔ me mu, fe m'ano
Yɛmfa ɔdɔ nkɔda
Adeɛ resa agya yɛn
Na ɔdɔ, na adeɛ resa gu o
Sosɔ me mu, fe m'ano
Yɛmfa ɔdɔ nkɔda
Adeɛ resa agya yɛn
Na ɔdɔ, na adeɛ resa gu o
Sɛ wo deɛ mmaaeɛ a
Wose wonni bi o
Eduru wo so a, na wobɛhunu o, barima ei
Makyin wiase afaana nyinaa
Atifi ne anaafoɔ
Apueɛ ne atɔeɛ o
Ah, waduro kyinkyini a ɛnya abɛ wɔ aah
Sɛɛ dabaa nso da abɛ akyire a
Ɛda hɔ ma ɔkoropɔn nko ara
Makyin, makyin, makyin, makyin ara aah
Me nsa aka nea ɔdɔ meɛ
Manya deɛ ɔdɔ me o
Ɔdɔ, sɛ me nsa aka wo a
Ɛntena bosuo mu ntɔ nko
Sɛ woda a, mɛti wo kakapɛ o, ɔhemaa
Sosɔ me mu, fe m'ano
Yɛmfa ɔdɔ nkɔda
Adeɛ resa agya yɛn
Na ɔdɔ, na adeɛ resa gu o
Sosɔ me mu, fe m'ano
Yɛmfa ɔdɔ nkɔda
Adeɛ resa agya yɛn
Na ɔdɔ, na adeɛ resa gu o
Me dɔ hemaa
Me dɔ hemaa, ah
Me dɔ hemaa
Me dɔ hemaa, ah
Akyekyedeɛ, mempɛ me ho asɛm nti, aah
Na meso m'adaka a menam
Mepɛ me deɛ hyehyeehye-hye ei, Oburuwaa
Edwa bɛba fie anɔpa a
Sɛ Kwasiada nso bɛyɛ dɛ a
Na efiri Memeneda anwummerɛ o, ɔhemaa
Yɛnsi mu ntɛm na yɛaduru ntɛm, aah
Na sotorɔ a ɛwɔ woɔ no
Ɛyɛ a na woagye no hyehyeehye-hye o
Wo deɛ, sosɔ me mu, fe m'ano
Na korɔkorɔ me, aah
Na adeɛ resa agya yɛn
Ɔdɔ, na adeɛ resa gu o
Me dɔ hemaa
Me dɔ hemaa, ah
Me dɔ hemaa
Me dɔ hemaa, ah
Hi, yeah
Now, listen to me
Well, this is real love
True love, for eternity
I'm gonna shake you
I'm tryin' to make you understand
I wanna be your love, I'll do the best that I can
So, if you give me your heart, I'll give you mine
For you, I'll keep the dove
Send you winter or summer time
Ain't no friend at all
I'll move Heaven and Earth
For you, baby, 'cause you blow my mind since birth
Ah, yeah, since birth, ah-huh
Akweley ba, Comfort ei
K. Boakye se, "Ɛyɛ a hwɛ n'anim na monto aniboa"
Baabi a ɔdɔ wɔ no na owuo wɔ, aah
Na ɔdɔ bukyia so nso na ɔbonsam sɔ n'anɔpa gya
Bra ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu, aah
Yɛn ne obiara nni asɛm biara
Saa berɛ yi a, yɛnyɛ neɛ obi reka yi
Ɛnnɛ na ato nkɔmmɔ nko ara
Deɛ ɛwɔ mu ne neɛ ɛnnim nyinaa, Connie ei
Sosɔ me mu, fe m'ano
Yɛmfa ɔdɔ mmra
Na adeɛ resa agya yɛn
Na ɔdɔ, na adeɛ resa gu o, boo
Sosɔ me mu, fe m'ano
Yɛmfa ɔdɔ nkɔda
Adeɛ resa agya yɛn
Na ɔdɔ, na adeɛ resa gu o
Sosɔ me mu, fe m'ano
Yɛmfa ɔdɔ nkɔda
Adeɛ resa agya yɛn
Na ɔdɔ, na adeɛ resa gu o
Florence ei
Sosɔ me mu, fe m'ano
Yɛmfa ɔdɔ nkɔda
Adeɛ resa agya yɛn
Na ɔdɔ, na adeɛ resa gu o
Sosɔ me mu, fe m'ano
Yɛmfa ɔdɔ nkɔda
Adeɛ resa agya yɛn
Na ɔdɔ, na adeɛ resa gu o
Sosɔ me mu, fe m'ano
Yɛmfa ɔdɔ nkɔda
Adeɛ resa agya yɛn
Na ɔdɔ, adeɛ resa gu o
Lyrics powered by www.musixmatch.com