Featured In

Credits

AUSFÜHRENDE KÜNSTLER:INNEN
Nana Tuffour
Nana Tuffour
Künstler:in
KOMPOSITION UND LIEDTEXT
Nana Tuffour
Nana Tuffour
Songwriter:in

Lyrics

Ɔdɔyɛwu ato me nkra ama obi sɛ Ɔbɛba abɛduru anwummerɛ yi Manya anigyeɛ soronko bi Firisɛ ɔdɔ kɔɔeɛ akyɛ o Nyame adom nti, Wahwɛ no so ama ɔreba abɛka me nsa Na da a ɔdɔ bɛduru no a Deɛbɛn na memfa nsi n'akyi yi a? Ka nea wopɛ ei Ɔdɔ ei, na menyɛ mma wo ah Deɛbɛn nsa na wobɛnom aah? Aduane bɛn na wobɛdi aa? Yɛ ntɛm bra o, ɔdɔ, na m'ani agyina wo Mm, ɔdɔ ei, dɔfo eh, woreba a to me nkra eh Ɔdɔ ei, bra o Mafe wo o Ɔdɔ ei, bra o Nte saa a awerɛhoɔ bɛku me Ɔdɔ ei, bra o Mafe wo o Ɔdɔ ei, bra o Nte saa a awerɛhoɔ bɛku me Ooh, ooh Dua koro gye mframa a ɛbu o Me ne ɔdɔ tenaaeɛ yi Na mframa koraa ntumi mfa yɛn ntam' Da bi asetena mu nti, ɔdɔ se ɔrekɔ aba Ɔdɔ atu kwan, ɔdɔ se ɔrekɔpɛ sika aba eh Dantuo mu awɔse bɛku me aah Dantuo mu anigyina yi aah Wo ho dɔ nti, mekɔ kɛtɛ so a mentumi nna yi Mentumi nnidi, mentumi nyɛ biribiara Yɛ' ntɛm bra o, ɔdɔ ei, na wobɛba na mayɛ ateaa Mm, ɔdɔ ei, me dɔfo ahoma teaa eh Me ne ɔdɔ tenaaeɛ yi Na mframa koraa ntumi mfa yɛn ntam' Da bi asetena mu nti, ɔdɔ se ɔrekɔ aba Ɔdɔ atu kwan, ɔdɔ se ɔrekɔpɛ sika aba eh Dantuo mu awɔse bɛku me aah Dantuo mu anigyina yi aah Wo ho dɔ nti, mekɔ kɛtɛ so a mentumi nna yi Mentumi nnidi, mentumi nyɛ biribiara Yɛ' ntɛm bra o, ɔdɔ ei, na m'ani agyina wo o Mm, ɔdɔ ei, me dɔfo ahoma teaa eh Ɔdɔ ei, bra o Mafe wo o Ɔdɔ ei, bra o Nte saa a awerɛhoɔ bɛku me Ɔdɔ ei, bra o Mafe wo o Ɔdɔ ei, bra o Nte saa a awerɛhoɔ bɛku me Yie ei, ɔdɔ ei (ooh, ooh) Ɔdɔ ei, mafe wo o Ooh, ooh Dua koro gye mframa a, ɛbu o Yie ei, me dɔ ei (ooh, ooh) Ɔdɔ ei, mafe wo o Ao, ao, ao, ɔdɔ ei Ooh, ooh (oh-oh, oh, oh) Dua koro gye mframa a ɛbu o Yie ei, ɔdɔ ei (ooh, ooh) Ɔdɔ ei, mafe wo o Ooh, ooh
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out