Lyrics

Obi nsoeɛ me ɛ, na me kɔn mu rebu, ao Obi nsoeɛ me ɛ, na sɛɛ ɔdɔ mu ɔ'du, ao Agyaei! Sɛɛ na etumi sisi aso, Ofori ei? Manhu ɔbaa yi deaa nka mannye anni, ao Apɔnkyerɛni, metɔɔ nsu foforɔ mu ansa Na mennim da koraa sɛ nsuo bi ɛ'hye, ao Ɔbaa bi dɔ akyekyere me, akyekyere me Akyekyere me, akyekyere me Ɔbaa bi dɔ akyerkyere me a mete me ho a, ɛnte, Ofori ei! Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Kwaa 'Fori dɔ yi ara o) Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Ofori rewu o) Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Koo Fori rewu, ao) Crazy I'm going crazy, crazy Merebɔ ne ho dam (crazy) I'm going crazy, crazy Merekɔ crazy, merebɔ ne ho dam (crazy) Ɔbaa Dansowaa, Ɔbaa Dansowaa, Ɔbaa Dansowaa ei Abeam ei, Kwaa Fori se ɔdɔ wo, ao, ɔdɔ ei! Ɔbaa Dansowaa, Ɔbaa Dansowaa, Ɔbaa Dansowaa ei Ɛda no a mehyiaa no ara aah, me yam hyee me o M'ani tɛ, tɛ, tɔɔ no so ara na mese, "Hmm, ɔdɔ kan bi ni!" Mepinkyɛnn no, bisaa no, ɔse ɔde Dansowaa, Abeam ei Masoa nsuo, asoa nsa, na ɔdɔ yi deɛ, na emu ɔ'du Ne se fitaa a ɔde sere kyerɛɛ me ara pɛ Meyɛ nkuto a nka Kwame ei, menanee o Menyaa ntoboaseɛ kasa kyerɛɛ no, ao, hmm Sɛ, "Abeam ei, na ɔdɔyɛwu, merewu, ao!" Ɔno nso ampopo ne ti, ne ɔdɔ bi, ɔdɔ rewu ara, eh Matɔ me ntentan mu a, momma menna mu ɛ, Ananse ei Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Ofori rewu) Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Kwaa 'Fori dɔ yi ara o) Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Ofori) Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Kwaa Fori dɔ yi ara aah, merekɔ) Crazy, crazy I'm going crazy Merebɔ ne ho dam (crazy) Merekɔ (crazy, crazy) I'm going crazy Merebɔ ne ho dam (crazy) I'm going crazy Merekɔ crazy Manya ɔdɔ mu, ao, ɔdɔ kan, Ofori ei Merebɛbɔ ne din badwa o ama obiara ate, ao Ofori ei, wo dɔ ne hwan? (Akua Frimpomaa) Ofori ei (Akua Frimpomaa) Ofori ei, wo dɔ ne hwan? (Akua Frimpomaa) Ne dɔ akyekyere me ao, hmm, Ofori ei Kofi ei, wo dɔ ne hwan? (Abena Nyarkowaadeɛ) Kofi ei (Abena Nyarkowaadeɛ) Kofi ei, wo dɔ ne hwan? (Abena Nyarkowaadeɛ) Ne dɔ akyekyere wo, ao, hmm, ɔsɔɔnɔ ei Crazy I'm going crazy Merekɔ crazy Mabɔ ne ho dam (crazy) I'm going crazy Merekɔ crazy I'm going crazy Mabɔ ne ho dam (crazy) Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (hmm) Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Kwaa 'Fori dɔ yi ara o) Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Ofori ei) Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Kwaa Fori dɔ yi ara o) Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (ɔdɔ ei) Hmm, ɔdɔyɛwu, wo ho nti (Kwaa 'Fori dɔ yi ara o) Crazy I'm going crazy Going crazy Merebɔ ne ho dam (crazy) I'm going crazy Merekɔ crazy I'm going crazy Merebɔ ne ho dam (crazy) I'm going crazy Ei (crazy) I'm going crazy Mabɔ ne ho dam (crazy) Merekɔ crazy, crazy
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out